1 Mose 27:45
Genesis 27:45 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ wo nua akoma tɔ ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?”
Genesis 27:45 in English
Genesis 27:45 · Berean Standard Bible
until your brother’s rage against you wanes and he forgets what you have done to him. Then I will send for you and bring you back from there. Why should I lose both of you in one day?”
Context
43Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran. 44Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kɔsi sɛ, wo nua Esau bo bɛdwo. 45Sɛ wo nua akoma tɔ ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?” 46Enti, Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Saa Hetifoɔ mmabaawa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifoɔ asase so mmabaawa yi bi a, mmaa te sɛ yeinom bi a, ɛnneɛ, na mewuiɛ koraa a, anka ɛyɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.