1 Mose 27:44
Genesis 27:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kɔsi sɛ, wo nua Esau bo bɛdwo.
Genesis 27:44 in English
Genesis 27:44 · Berean Standard Bible
Stay with him for a while, until your brother’s fury subsides—
Context
42Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam. 43Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran. 44Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kɔsi sɛ, wo nua Esau bo bɛdwo. 45Sɛ wo nua akoma tɔ ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?” 46Enti, Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Saa Hetifoɔ mmabaawa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifoɔ asase so mmabaawa yi bi a, mmaa te sɛ yeinom bi a, ɛnneɛ, na mewuiɛ koraa a, anka ɛyɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.