1 Mose 27:32
Genesis 27:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nʼagya Isak bisaa no sɛ, “Na hwan nie?” Esau buaa sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.”
Genesis 27:32 in English
Genesis 27:32 · Berean Standard Bible
But his father Isaac replied, “Who are you?” “I am Esau, your firstborn son,” he answered.
Context
30Isak hyiraa Yakob wieeɛ, na ɔfirii nʼagya nkyɛn kɔeɛ ara pɛ, na ne nua Esau firi nʼahayɔ baeɛ. 31Ɔno nso noaa akɔnnɔduane brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Agya, sɔre na di me hanamduane no, na hyira me.” 32Nʼagya Isak bisaa no sɛ, “Na hwan nie?”
Esau buaa sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.” 33Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho hyɛɛ aseɛ wosoo biribiribiri, na ɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na hwan na ɔkɔɔ ahayɔ kɔkumm ɛnam de noaa aduane brɛɛ me yi. Medidi wieeɛ hyiraa onipa ko no pɛ na wobaeɛ yi? Nokorɛ mu ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesane mʼano a, ɛrenyɛ yie!” 34Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.