1 Mose 27:34
Genesis 27:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”
Genesis 27:34 in English
Genesis 27:34 · Berean Standard Bible
When Esau heard his father’s words, he let out a loud and bitter cry and said to his father, “Bless me too, O my father!”
Context
32Nʼagya Isak bisaa no sɛ, “Na hwan nie?”
Esau buaa sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.” 33Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho hyɛɛ aseɛ wosoo biribiribiri, na ɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na hwan na ɔkɔɔ ahayɔ kɔkumm ɛnam de noaa aduane brɛɛ me yi. Medidi wieeɛ hyiraa onipa ko no pɛ na wobaeɛ yi? Nokorɛ mu ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesane mʼano a, ɛrenyɛ yie!” 34Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!” 35Nanso, Isak kaa sɛ, “Ɛnneɛ, na wo nua na ɔde nnaadaa abɛgye wo nhyira kɔ!” 36Esau kaa sɛ, “Ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔfrɛ no Yakob* a aseɛ kyerɛ nantitwitwafoɔ. Yei ne ne mprenu so a wadaadaa me. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panin. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya sɛ, “Enti, woannya me nhyira no bi a wode bɛhyira me nso?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.