Native Bible

Genesis 27:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno akyiri no, Rebeka faa ne ba panin Esau atadeɛ papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛeɛ.

Genesis 27:15 in English

Genesis 27:15 · Berean Standard Bible

And Rebekah took the finest clothes in the house that belonged to her older son Esau, and she put them on her younger son Jacob.

Context

13Yakob maame ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo deɛ, yɛ deɛ maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nnwan no brɛ me.” 14Enti, Yakob tiee ne maame Rebeka asɛm, kɔkyeree nnwan no brɛɛ no. Na ɔkumm wɔn, de noaa akɔnnɔduane bi, sɛdeɛ Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ. 15Ɛno akyiri no, Rebeka faa ne ba panin Esau atadeɛ papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛeɛ. 16Afei, ɔde nnwan a wɔkumm wɔn no nwoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa. 17Ɔde burodo a wato no foforɔ kaa akɔnnɔduane a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.