1 Mose 25:7
Genesis 25:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Abraham nkwanna nyinaa kɔsii mfeɛ ɔha aduɔson enum.
Genesis 25:7 in English
Genesis 25:7 · Berean Standard Bible
Abraham lived a total of 175 years.
Context
5Abraham de nʼagyapadeɛ nyinaa maa Isak. 6Nanso, ɛberɛ a ɔte ase no, ɔmaa ne mpena mma akyɛdeɛ, na ɔyii wɔn firii ne babarima Isak nkyɛn, ma wɔkɔɔ apueeɛ fam asase bi so. 7Abraham nkwanna nyinaa kɔsii mfeɛ ɔha aduɔson enum. 8Abraham nyini bɔɔ akɔkoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanimfoɔ ho. 9Ne mmammarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuo a ɛwɔ Mamrɛ apueeɛ fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.