1 Mose 25:33
Genesis 25:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yakob buaa Esau sɛ, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panin no maa ne nua kumaa Yakob.
Genesis 25:33 in English
Genesis 25:33 · Berean Standard Bible
“Swear to me first,” Jacob said. So Esau swore to Jacob and sold him the birthright.
Context
31Yakob buaa sɛ, “Tɔn wo panin no ma me ansa.” 32Esau kaa sɛ, “Ɔkɔm rekum me, na mede panin reyɛ ɛdeɛn?” 33Yakob buaa Esau sɛ, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panin no maa ne nua kumaa Yakob. 34Enti, Yakob maa Esau aduane no bi, ma ɔdiiɛ. Ɔnom nsuo guu so, sɔre kɔɔ ne kwan.
Yei ne ɛkwan a Esau faa so tɔn ne panin no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.