1 Mose 24:58
Genesis 24:58 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ anaa?” Rebeka buaa sɛ, “Aane, mɛkɔ!”
Genesis 24:58 in English
Genesis 24:58 · Berean Standard Bible
They called Rebekah and asked her, “Will you go with this man?” “I will go,” she replied.
Context
56Akoa no buaa wɔn sɛ, “Awurade ahyira mʼakwantuo yi so ama me yi deɛ, mesrɛ mo, monnnye me nka ha. Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.” 57Afei, wɔsii gyinaeɛ sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaawa no, na yɛmmisa nʼadwene.” 58Enti, wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ anaa?”
Rebeka buaa sɛ, “Aane, mɛkɔ!” 59Enti, wɔgyaa Rebeka ne ɔbaa a ɔgyegyee no ne nkwadaaberɛm ne Abraham ɔsomfoɔ no ne ne nkurɔfoɔ ɛkwan. 60Wɔhyiraa Rebeka sɛ,
“Onuabaa, Awurade nka wo ho,
na wʼase nnɔ mpempem!
Awurade mma wʼasefoɔ no
nni wɔn atamfoɔ nyinaa so nkonim.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.