Native Bible

Genesis 24:56 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Akoa no buaa wɔn sɛ, “Awurade ahyira mʼakwantuo yi so ama me yi deɛ, mesrɛ mo, monnnye me nka ha. Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.”

Genesis 24:56 in English

Genesis 24:56 · Berean Standard Bible

But he replied, “Do not delay me, since the LORD has made my journey a success. Send me on my way so that I may go to my master.”

Context

54Afei, ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomeeɛ, na wɔda maa adeɛ kyeeɛ. Adeɛ kyee anɔpa a wɔsɔreeɛ no, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.” 55Nanso, Rebeka nuabarima no ne ne maame buaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Ma ababaawa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ dadu bi, na ɛno akyiri, wode no akɔ.” 56Akoa no buaa wɔn sɛ, “Awurade ahyira mʼakwantuo yi so ama me yi deɛ, mesrɛ mo, monnnye me nka ha. Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.” 57Afei, wɔsii gyinaeɛ sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaawa no, na yɛmmisa nʼadwene.” 58Enti, wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ anaa?” Rebeka buaa sɛ, “Aane, mɛkɔ!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.