Native Bible

Genesis 24:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, ɔsomfoɔ no bɔɔ nʼamanneɛ sɛ, “Meyɛ Abraham ɔsomfoɔ.

Genesis 24:34 in English

Genesis 24:34 · Berean Standard Bible

“I am Abraham’s servant,” he replied.

Context

32Enti, ɔsomfoɔ no kɔɔ efie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛsoso nyoma no. Wɔmaa nyoma no ɛserɛ ne aduane, afei Laban maa ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo de hohoroo wɔn nan ho. 33Yei akyiri no, ɔtoo wɔn ɛpono. Nanso, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Merempɛ sɛ mɛdidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.” Laban kaa sɛ, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.” 34Enti, ɔsomfoɔ no bɔɔ nʼamanneɛ sɛ, “Meyɛ Abraham ɔsomfoɔ. 35Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefoɔ. Wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne nyoma ne mfunumu. 36Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewaberɛ mu; Awurade na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.