1 Mose 24:33
Genesis 24:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei akyiri no, ɔtoo wɔn ɛpono. Nanso, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Merempɛ sɛ mɛdidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.” Laban kaa sɛ, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”
Genesis 24:33 in English
Genesis 24:33 · Berean Standard Bible
Then a meal was set before the man, but he said, “I will not eat until I have told you what I came to say.” So Laban said, “Please speak.”
Context
31Laban ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Ɔbisaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na wogyina kurotia ha? Masiesie wo daberɛ ne baabi a nyoma no nso bɛda.” 32Enti, ɔsomfoɔ no kɔɔ efie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛsoso nyoma no. Wɔmaa nyoma no ɛserɛ ne aduane, afei Laban maa ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo de hohoroo wɔn nan ho. 33Yei akyiri no, ɔtoo wɔn ɛpono. Nanso, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Merempɛ sɛ mɛdidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.”
Laban kaa sɛ, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.” 34Enti, ɔsomfoɔ no bɔɔ nʼamanneɛ sɛ, “Meyɛ Abraham ɔsomfoɔ. 35Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefoɔ. Wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne nyoma ne mfunumu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.