1 Mose 21:13
Genesis 21:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ wʼaseni.”
Genesis 21:13 in English
Genesis 21:13 · Berean Standard Bible
But I will also make a nation of the slave woman’s son, because he is your offspring.”
Context
11Abraham tee saa asɛm no, ɛsiane ne babarima Ismael enti, ne werɛ hoo yie. 12Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nnha wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, ɛfiri sɛ, Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefoɔ. 13Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ wʼaseni.” 14Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduane ne nsuo a ɛgu aboa nwoma mu, de maa Hagar. Ɔde aduane no ne nsuo no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no sɛ, wɔnkɔ. Ɔfirii hɔ kɔkyinkyinii Beer-Seba ɛserɛ so a na ɔnhunu baabi a ɔrekɔ. 15Nsuo a ɛwɔ aboa nwoma no mu saeɛ no, ɔde ne babarima no kɔhintaa wira no mu baabi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.