1 Mose 21:11
Genesis 21:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Abraham tee saa asɛm no, ɛsiane ne babarima Ismael enti, ne werɛ hoo yie.
Genesis 21:11 in English
Genesis 21:11 · Berean Standard Bible
Now this matter distressed Abraham greatly because it concerned his son Ishmael.
Context
9Nanso, Sara hunuu sɛ, ɔbabarima a nʼafenawa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛ. 10Enti, Sara ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi firi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyadeɛ biara mu kyɛfa.” 11Abraham tee saa asɛm no, ɛsiane ne babarima Ismael enti, ne werɛ hoo yie. 12Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nnha wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, ɛfiri sɛ, Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefoɔ. 13Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ wʼaseni.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.