Native Bible

Genesis 20:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa sɛ, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi?

Genesis 20:4 in English

Genesis 20:4 · Berean Standard Bible

Now Abimelech had not gone near her, so he replied, “Lord, would You destroy a nation even though it is innocent?

Context

2Abraham maa nnipa no tee aseɛ sɛ, Sara yɛ ne nuabaa. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfie. 3Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.” 4Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa sɛ, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? 5Abraham ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa.’ Na Sara no nso kaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no.” 6Afei, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ bio ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, wode adwenem fann ne akoma mu teɛ na ɛyɛɛ deɛ woyɛeɛ no; ɛno enti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno enti na mamma woamfa wo ho anka no no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.