1 Mose 20:3
Genesis 20:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.”
Genesis 20:3 in English
Genesis 20:3 · Berean Standard Bible
One night, however, God came to Abimelech in a dream and told him, “You are as good as dead because of the woman you have taken, for she is a married woman.”
Context
1Afei, Abraham tu firii hɔ kɔɔ anafoɔ mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkuro Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. 2Abraham maa nnipa no tee aseɛ sɛ, Sara yɛ ne nuabaa. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfie. 3Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.” 4Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa sɛ, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? 5Abraham ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa.’ Na Sara no nso kaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.