1 Mose 20:15
Genesis 20:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Abimelek kaa sɛ, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.”
Genesis 20:15 in English
Genesis 20:15 · Berean Standard Bible
And Abimelech said, “Look, my land is before you. Settle wherever you please.”
Context
13Na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham sɛ, mentu mfiri mʼagya fie nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no, me nso, meka kyerɛɛ Sara sɛ, ‘Adɔeɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ me nie: baabiara a yɛbɛduru no, ka sɛ, meyɛ wo nuabarima.’ ” 14Enti, Abimelek de nnwan, anantwie, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara sane brɛɛ no. 15Abimelek kaa sɛ, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.” 16Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso sɛ, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Yei ne mpatadeɛ a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodie biara nna wo so.” 17Enti, Abraham bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ Onyankopɔn sɛ, ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmaa ne mfenaa a wɔwɔ efie hɔ yadeɛ, ma wɔnwo mma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.