1 Mose 20:10
Genesis 20:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?”
Genesis 20:10 in English
Genesis 20:10 · Berean Standard Bible
Abimelech also asked Abraham, “What prompted you to do such a thing?”
Context
8Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ntɛm ara, Abimelek frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisie no ho amaneɛ. Na wɔsuroo yie. 9Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.” 10Afei, Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?” 11Abraham buaa sɛ, “Mesusuu sɛ, nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me. 12Yei akyiri no, ampa ara, ɔyɛ me nuabaa. Yɛfiri agya korɔ. Yɛmfiri ɛna korɔ. Ɛno enti na mewaree no no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.