Native Bible

Genesis 20:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.”

Genesis 20:9 in English

Genesis 20:9 · Berean Standard Bible

Then Abimelech called Abraham and asked, “What have you done to us? How have I sinned against you, that you have brought such tremendous guilt upon me and my kingdom? You have done things to me that should not be done.”

Context

7Ne saa enti sane fa ɔbarima no yere no kɔma no, ɛfiri sɛ, saa ɔbarima no yɛ odiyifoɔ a ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama wo, ama woatena. Na sɛ woansane amfa no ankɔma no a, hunu sɛ, wo ne wʼasefoɔ nyinaa bɛwuwu.” 8Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ntɛm ara, Abimelek frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisie no ho amaneɛ. Na wɔsuroo yie. 9Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.” 10Afei, Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?” 11Abraham buaa sɛ, “Mesusuu sɛ, nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.