Native Bible

Genesis 2:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.

Genesis 2:24 in English

Genesis 2:24 · Berean Standard Bible

For this reason a man will leave his father and mother and be united to his wife, and they will become one flesh.*

Context

22Afei, Awurade Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no. 23Na Adam kaa sɛ, “Mʼankasa me dompe ne me honam bi nie. Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri sɛ, ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.” 24Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ. 25Saa ɛberɛ no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.