Native Bible

Genesis 19:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnneɛ, dwane kɔ hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, sɛ wonnuruu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, na wɔfrɛɛ kuro no Soar a aseɛ ne kuro ketewa.

Genesis 19:22 in English

Genesis 19:22 · Berean Standard Bible

Hurry! Run there quickly, for I cannot do anything until you reach it.” That is why the town was called Zoar.*

Context

20Hwɛ, kuro ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma menkɔhinta hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kuro no nsua anaa?” 21Ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Ɛyɛ, mepene wʼabisadeɛ yi so; merensɛe saa kuro ketewa no. 22Ɛnneɛ, dwane kɔ hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, sɛ wonnuruu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, na wɔfrɛɛ kuro no Soar a aseɛ ne kuro ketewa. 23Ɛberɛ a Lot duruu Soar no, na owia apue. 24Afei, Awurade maa sɔfe ne ogya tɔ firii soro, guu Sodom ne Gomora so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.