1 Mose 18:10
Genesis 18:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Awurade kaa sɛ, “Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.” Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no.
Genesis 18:10 in English
Genesis 18:10 · Berean Standard Bible
Then the LORD said, “I will surely return to you at this time next year, and your wife Sarah will have a son!” Now Sarah was behind him, listening at the entrance to the tent.
Context
8Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase. 9Nnipa no bisaa Abraham sɛ, “Wo yere Sara wɔ he?”
Abraham buaa wɔn sɛ, “Ɔwɔ ntomadan no mu.” 10Afei, Awurade kaa sɛ, “Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no. 11Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyini yie a wɔn mfeɛ akɔ animu koraa enti, na Sara awoɔ apa ho. 12Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.