Native Bible

Genesis 18:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa no bisaa Abraham sɛ, “Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn sɛ, “Ɔwɔ ntomadan no mu.”

Genesis 18:9 in English

Genesis 18:9 · Berean Standard Bible

“Where is your wife Sarah?” they asked. “There, in the tent,” he replied.

Context

7Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuo no mu, kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na wadɔre sradeɛ de no maa ne ɔsomfoɔ, ma ɔde ahoɔherɛ yɛɛ ne ho adwuma. 8Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase. 9Nnipa no bisaa Abraham sɛ, “Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn sɛ, “Ɔwɔ ntomadan no mu.” 10Afei, Awurade kaa sɛ, “Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.” Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no. 11Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyini yie a wɔn mfeɛ akɔ animu koraa enti, na Sara awoɔ apa ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.