Native Bible

Genesis 16:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no sɛ Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ.

Genesis 16:14 in English

Genesis 16:14 · Berean Standard Bible

Therefore the well was called Beer-lahai-roi.* It is located between Kadesh and Bered.

Context

12Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu. Ɔbɛtia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso bɛtia no; atutupɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.” 13Yei akyiri ɔde edin foforɔ maa Awurade. Ɔkaa sɛ, “Mahunu Deɛ ɔhunu me.” Ɛno enti, ɔde edin El-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn a ɔhunu me” no, too no. 14Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no sɛ Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ. 15Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abɔfra no edin Ismael. 16Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.