Native Bible

Genesis 14:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Salemhene* Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Awurade Onyankopɔn ɔsɔfoɔ no de burodo ne nsã brɛɛ no.

Genesis 14:18 in English

Genesis 14:18 · Berean Standard Bible

Then Melchizedek king of Salem brought out bread and wine—since he was priest of God Most High *—

Context

16Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapadeɛ ne mmaa ne nnipa foforɔ a wɔkyekyee wɔn no nyinaa sane baeɛ. 17Abram kɔdii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyiri no, Sodomhene bɛhyiaa no wɔ Sawe bɔnhwa a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bɔnhwa no mu. 18Na Salemhene* Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Awurade Onyankopɔn ɔsɔfoɔ no de burodo ne nsã brɛɛ no. 19Afei, Melkisedek hyiraa Abram sɛ: “Ɔsorosoro Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase, nhyira nka wo, Abram. 20Na nhyira nka Ɔsorosoro Onyankopɔn, a ɔde wʼatamfoɔ ahyɛ wo nsam no.” Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kaeɛ no nyinaa mu biara nkyekyɛmu edu mu baako.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.