Native Bible

Genesis 12:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.

Genesis 12:8 in English

Genesis 12:8 · Berean Standard Bible

From there Abram moved on to the hill country east of Bethel and pitched his tent, with Bethel to the west and Ai to the east. There he built an altar to the LORD, and he called on the name of the LORD.

Context

6Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so. 7Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti, Abram sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no. 8Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ. 9Afei, Abram dii atutena ara, kɔɔ anafoɔ fam. 10Saa ɛberɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii asase a na Abram te so no so. Enti, ɔtu kɔtenaa Misraim* asase so kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.