1 Mose 12:7
Genesis 12:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti, Abram sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.
Genesis 12:7 in English
Genesis 12:7 · Berean Standard Bible
Then the LORD appeared to Abram and said, “I will give this land to your offspring.*” So Abram built an altar there to the LORD, who had appeared to him.
Context
5Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapadeɛ ne nʼasomfoɔ a ɔnyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, siim kɔɔ Kanaan asase so. 6Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so. 7Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti, Abram sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no. 8Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ. 9Afei, Abram dii atutena ara, kɔɔ anafoɔ fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.