1 Mose 11:30
Genesis 11:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Sarai yɛ obonini; na ɔnni ba.
Genesis 11:30 in English
Genesis 11:30 · Berean Standard Bible
But Sarai was barren; she had no children.
Context
28Ɛberɛ a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu baabi a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur a, ɛwɔ Kaldea asase so no. 29Abram ne Nahor warewareeɛ. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a, na ɔyɛ Haran babaa. Saa Haran yi na ɔwowoo Milka ne Iska. 30Na Sarai yɛ obonini; na ɔnni ba. 31Tera faa ne babarima Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼase baa Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa siim firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ, wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ. 32Tera dii mfeɛ ahanu ne enum, na ɔwuu wɔ Haran.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.