Native Bible

Ezra 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wɔtwaa wɔn asuo a wɔresane aba Yuda no panin Sesbasar nsa.

Ezra 1:8 in English

Ezra 1:8 · Berean Standard Bible

Cyrus king of Persia had them brought out by the hand of Mithredath the treasurer, who counted them out to Sheshbazzar the prince of Judah.*

Context

6Na wɔn afipamfoɔ boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ atam ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛdeɛ pa bebree de kaa deɛ ɛfiri wɔn ankasa akoma mu no ho. 7Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenneɛ a ɔhene Nebukadnessar tase firii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no baeɛ. 8Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wɔtwaa wɔn asuo a wɔresane aba Yuda no panin Sesbasar nsa. 9Yeinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛeɛ: sikakɔkɔɔ nsiaseɛ \~\~30 dwetɛ nsiaseɛ \~\~1,000 dwetɛ ɔhyeɛsɛn \~\~29 10sikakɔkɔɔ atam \~\~30 dwetɛ atam \~\~410 nneɛma a ɛkeka ho \~\~1,000

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.