Hesekiel 8:9
Ezekiel 8:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha.”
Ezekiel 8:9 in English
Ezekiel 8:9 · Berean Standard Bible
Then He said to me, “Go in and see the wicked abominations they are committing here.”
Context
7Afei, ɔde me baa adihɔ hɔ ɛpono no ano. Mehwɛeɛ na mehunuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu. 8Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, bɔ ɔfasuo no mu tokuro.” Enti mebɔɔ ɔfasuo no mu tokuro, na mehunuu ɛpono ano kwan bi wɔ hɔ. 9Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha.” 10Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu afasuo a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahodoɔ nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwadeɛ ne Israel fie ahoni ahodoɔ nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. 11Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.