Native Bible

Ezekiel 8:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro.

Ezekiel 8:11 in English

Ezekiel 8:11 · Berean Standard Bible

Before them stood seventy elders of the house of Israel, with Jaazaniah son of Shaphan standing among them. Each had a censer in his hand, and a fragrant cloud of incense was rising.

Context

9Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha.” 10Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu afasuo a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahodoɔ nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwadeɛ ne Israel fie ahoni ahodoɔ nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. 11Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro. 12Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba woahunu deɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ reyɛ wɔ esum no mu. Obiara wɔ nʼankasa ahoni abosonnan mu. Wɔka sɛ, ‘Awurade nhunu yɛn; Awurade agya asase no!’ ” 13Ɔkaa bio sɛ, “Wobɛhunu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a mpo ɛsene yei.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.