Hesekiel 8:13
Ezekiel 8:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkaa bio sɛ, “Wobɛhunu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a mpo ɛsene yei.”
Ezekiel 8:13 in English
Ezekiel 8:13 · Berean Standard Bible
Again, He told me, “You will see them committing even greater abominations.”
Context
11Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro. 12Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba woahunu deɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ reyɛ wɔ esum no mu. Obiara wɔ nʼankasa ahoni abosonnan mu. Wɔka sɛ, ‘Awurade nhunu yɛn; Awurade agya asase no!’ ” 13Ɔkaa bio sɛ, “Wobɛhunu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a mpo ɛsene yei.” 14Afei ɔde me baa Awurade efie no atifi ɛpono no kwan ano, na mehunuu mmaa a wɔtete hɔ resu Tamus. 15Ɔbisaa me sɛ, “Wohunu yei onipa ba? Wobɛhunu nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a ɛsene yei.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.