Hesekiel 7:5
Ezekiel 7:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da nam ɛkwan so reba!
Ezekiel 7:5 in English
Ezekiel 7:5 · Berean Standard Bible
This is what the Lord GOD says: ‘Disaster! An unprecedented disaster *— behold, it is coming!
Context
3Awieeɛ no aduru wɔ wo so,
na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so.
Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na
matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. 4Merenhunu wo mmɔbɔ
na meremfa wo ho nkyɛ wo.
Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ
ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no,
na moahunu sɛ me ne Awurade.’ 5“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da
nam ɛkwan so reba! 6Awieeɛ no aba!
Awieeɛ no aba!
Apagya ne ho atia wo.
Aba! 7Ɔsɛeɛ aduru mo,
mo a mote asase no so.
Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn;
huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.