Hesekiel 7:2
Ezekiel 7:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Israel asase no: “ ‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduru asase no ntweaso ɛnan no so!
Ezekiel 7:2 in English
Ezekiel 7:2 · Berean Standard Bible
“O son of man, this is what the Lord GOD says to the land of Israel: ‘The end! The end has come upon the four corners of the land.
Context
1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2“Onipa ba, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Israel asase no:
“ ‘Awieeɛ no, awieeɛ no aduru
asase no ntweaso ɛnan no so! 3Awieeɛ no aduru wɔ wo so,
na mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so.
Mɛgyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn, na
matua wo ka wɔ wʼakyiwadeɛ nyinaa so. 4Merenhunu wo mmɔbɔ
na meremfa wo ho nkyɛ wo.
Ampa ara mɛtua wo ka wɔ wo nneyɛɛ
ne wʼakyiwadeɛ a ɛwɔ wo mu no,
na moahunu sɛ me ne Awurade.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.