Native Bible

Ezekiel 7:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto, na wɔboaboa biribiara ano deɛ, nanso obiara renkɔ ɔsa, ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.

Ezekiel 7:14 in English

Ezekiel 7:14 · Berean Standard Bible

They have blown the trumpet and made everything ready, but no one goes to war, for My wrath is upon the whole multitude.

Context

12Ɛberɛ no aso! Ɛda no aduru. Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so. 13Deɛ ɔtɔn no nsa renka asase a watɔn no bio wɔ ɛberɛ a wɔn mmienu te ase, Ɛfiri sɛ anisoadehunu a ɛfa nnipakuo no nyinaa no rensesa. Wɔn bɔne enti, wɔn mu baako koraa remfa ne ho nni. 14“ ‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto, na wɔboaboa biribiara ano deɛ, nanso obiara renkɔ ɔsa, ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so. 15Akofena wɔ mfikyire; na ɔyaredɔm ne ɛkɔm wɔ efie. Wɔn a wɔwɔ ɔman no mu bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no, ɔyaredɔm ne ɛkɔm bɛkum wɔn. 16Wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu na wɔadwane no bɛtena mmepɔ no so. Na wɔakurum te sɛ mmɔnhwa mu mmorɔnoma wɔ wɔn mu biara bɔne enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.