Hesekiel 48:14
Ezekiel 48:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde emu fa biara sesa biribi. Asase no mu deɛ ɛyɛ papa nie, na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ onipa foforɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade.
Ezekiel 48:14 in English
Ezekiel 48:14 · Berean Standard Bible
They must not sell or exchange any of it, and they must not transfer this best part of the land, for it is holy to the LORD.
Context
12Ɛbɛyɛ akyɛdeɛ sononko a ɛfiri asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifoɔ asase no bɔ hyeɛ. 13“Asɔfoɔ no asase nkyɛn mu no, Lewifoɔ no bɛnya kyɛfa a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tentene nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000). 14Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde emu fa biara sesa biribi. Asase no mu deɛ ɛyɛ papa nie, na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ onipa foforɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade. 15“Asase a aka a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufoɔ. Wɔbɛsisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini 16na ne kɛseɛ bɛyɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) wɔ atifi fam, anafoɔ fam, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.