Hesekiel 48:12
Ezekiel 48:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛbɛyɛ akyɛdeɛ sononko a ɛfiri asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifoɔ asase no bɔ hyeɛ.
Ezekiel 48:12 in English
Ezekiel 48:12 · Berean Standard Bible
It will be a special portion for them set apart from the land, a most holy portion * adjacent to the territory of the Levites.
Context
10Yei bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfoɔ no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) ne tentene mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ atɔeɛ fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ apueeɛ fam, na anafoɔ fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500). Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea. 11Yei bɛyɛ Sadokfoɔ asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron no dea, wɔn a wɔdii me nokorɛ somm me na wɔannane amfiri me nkyɛn sɛdeɛ Lewifoɔ yɛeɛ ɛberɛ a Israelfoɔ dane firii me nkyɛn no. 12Ɛbɛyɛ akyɛdeɛ sononko a ɛfiri asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifoɔ asase no bɔ hyeɛ. 13“Asɔfoɔ no asase nkyɛn mu no, Lewifoɔ no bɛnya kyɛfa a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tentene nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000). 14Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde emu fa biara sesa biribi. Asase no mu deɛ ɛyɛ papa nie, na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ onipa foforɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.