Hesekiel 48:13
Ezekiel 48:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Asɔfoɔ no asase nkyɛn mu no, Lewifoɔ no bɛnya kyɛfa a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tentene nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000).
Ezekiel 48:13 in English
Ezekiel 48:13 · Berean Standard Bible
Bordering the territory of the priests, the Levites shall have an area 25,000 cubits long and 10,000 cubits wide. The whole length will be 25,000 cubits, and the width 10,000 cubits.
Context
11Yei bɛyɛ Sadokfoɔ asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron no dea, wɔn a wɔdii me nokorɛ somm me na wɔannane amfiri me nkyɛn sɛdeɛ Lewifoɔ yɛeɛ ɛberɛ a Israelfoɔ dane firii me nkyɛn no. 12Ɛbɛyɛ akyɛdeɛ sononko a ɛfiri asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifoɔ asase no bɔ hyeɛ. 13“Asɔfoɔ no asase nkyɛn mu no, Lewifoɔ no bɛnya kyɛfa a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tentene nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000). 14Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde emu fa biara sesa biribi. Asase no mu deɛ ɛyɛ papa nie, na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ onipa foforɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade. 15“Asase a aka a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufoɔ. Wɔbɛsisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.