Native Bible

Ezekiel 47:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Apueeɛ fam hyeɛ no bɛfiri Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apueeɛ fam ɛpo no akɔsi Tamar. Yei na ɛbɛyɛ apueeɛ fam hyeɛ.”

Ezekiel 47:18 in English

Ezekiel 47:18 · Berean Standard Bible

On the east side the border will run between Hauran and Damascus, along the Jordan between Gilead and the land of Israel, to the Eastern Sea and as far as Tamar.* This will be the eastern boundary.

Context

16Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ no ntam), na atoa so akɔ Haser-Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hyeɛ so. 17Ɛhyeɛ no bɛfiri ɛpo no, afa Damasko atifi fam hyeɛ so akɔsi Hasar-Enan na Hamat hyeɛ no abɛda atifi fam. Yei na ɛbɛyɛ atifi fam hyeɛ. 18Apueeɛ fam hyeɛ no bɛfiri Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apueeɛ fam ɛpo no akɔsi Tamar. Yei na ɛbɛyɛ apueeɛ fam hyeɛ.” 19Anafoɔ fam hyeɛ no bɛfiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Yei na ɛbɛyɛ anafoɔ fam hyeɛ. 20Atɔeɛ fam no, Ɛpo Kɛseɛ no bɛyɛ ɛhyeɛ akɔsi beaeɛ bi a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Yei bɛyɛ atɔeɛ fam hyeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.