Hesekiel 47:16
Ezekiel 47:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ no ntam), na atoa so akɔ Haser-Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hyeɛ so.
Ezekiel 47:16 in English
Ezekiel 47:16 · Berean Standard Bible
Berothah, and Sibraim * (which is on the border between Damascus and Hamath), as far as Hazer-hatticon, which is on the border of Hauran.
Context
14Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Ɛfiri sɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ. 15“Yei na ɛbɛyɛ asase no hyeɛ:
“Atifi fam hyeɛ no bɛfa Hetlon ɛkwan so akɔfiri Ɛpo kɛseɛ no, atwam Lebo Hamat akɔ Sedad, 16Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ no ntam), na atoa so akɔ Haser-Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hyeɛ so. 17Ɛhyeɛ no bɛfiri ɛpo no, afa Damasko atifi fam hyeɛ so akɔsi Hasar-Enan na Hamat hyeɛ no abɛda atifi fam. Yei na ɛbɛyɛ atifi fam hyeɛ. 18Apueeɛ fam hyeɛ no bɛfiri Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apueeɛ fam ɛpo no akɔsi Tamar. Yei na ɛbɛyɛ apueeɛ fam hyeɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.