Hesekiel 47:15
Ezekiel 47:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Yei na ɛbɛyɛ asase no hyeɛ: “Atifi fam hyeɛ no bɛfa Hetlon ɛkwan so akɔfiri Ɛpo kɛseɛ no, atwam Lebo Hamat akɔ Sedad,
Ezekiel 47:15 in English
Ezekiel 47:15 · Berean Standard Bible
This shall be the boundary of the land: On the north side it will extend from the Great Sea by way of Hethlon through Lebo-hamath to Zedad,
Context
13Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ahyeɛ a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuo dumienu no sɛ agyapadeɛ a kyɛfa mmienu bɛyɛ Yosef dea no nie. 14Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Ɛfiri sɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ. 15“Yei na ɛbɛyɛ asase no hyeɛ:
“Atifi fam hyeɛ no bɛfa Hetlon ɛkwan so akɔfiri Ɛpo kɛseɛ no, atwam Lebo Hamat akɔ Sedad, 16Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ no ntam), na atoa so akɔ Haser-Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hyeɛ so. 17Ɛhyeɛ no bɛfiri ɛpo no, afa Damasko atifi fam hyeɛ so akɔsi Hasar-Enan na Hamat hyeɛ no abɛda atifi fam. Yei na ɛbɛyɛ atifi fam hyeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.