Hesekiel 4:12
Ezekiel 4:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Di aduane no sɛdeɛ anka wobɛdi atokoɔ ɔfam; to ma nnipa nhunu, na fa onipa agyanan yɛ ogya.”
Ezekiel 4:12 in English
Ezekiel 4:12 · Berean Standard Bible
And you shall eat the food as you would a barley cake, after you bake it over dried human excrement in the sight of the people.”
Context
10Kari aduane gram ahanu ne aduasa (230) a wobɛdi no ɛda koro biara wɔ ɛberɛ ano, berɛ ano. 11Afei, susu nsuo sukuruwa baako na nom no berɛ ano berɛ ano. 12Di aduane no sɛdeɛ anka wobɛdi atokoɔ ɔfam; to ma nnipa nhunu, na fa onipa agyanan yɛ ogya.” 13Awurade kaa sɛ: “Saa ara na Israelfoɔ bɛdi aduane a wɔagu ho fi wɔ amanaman a mɛpam wɔn akɔ so no.” 14Na mekaa sɛ, “Ɛnte saa, Otumfoɔ Awurade! Menguu me ho fi da. Ɛfiri me mmɔfraase bɛsi saa ɛberɛ yi, mennii aboa funu anaa deɛ nkekaboa bi akum no atete ne mu da. Ɛnam a ɛho agu fi nkaa mʼano da.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.