Native Bible

Ezekiel 4:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Kari aduane gram ahanu ne aduasa (230) a wobɛdi no ɛda koro biara wɔ ɛberɛ ano, berɛ ano.

Ezekiel 4:10 in English

Ezekiel 4:10 · Berean Standard Bible

You are to weigh out twenty shekels of food * to eat each day, and you are to eat it at set times.

Context

8Mede ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi nnane wo ho kɔsi sɛ otua nna no bɛba nʼawieeɛ. 9“Fa atokoɔ ne ayuo, asɛ ne asɛdua, kɔkɔte ne aburoo; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to burodo a wobɛdi. Yei na wobɛdi wɔ nnafua ahasa ne aduɔkron a woda wo fa so no. 10Kari aduane gram ahanu ne aduasa (230) a wobɛdi no ɛda koro biara wɔ ɛberɛ ano, berɛ ano. 11Afei, susu nsuo sukuruwa baako na nom no berɛ ano berɛ ano. 12Di aduane no sɛdeɛ anka wobɛdi atokoɔ ɔfam; to ma nnipa nhunu, na fa onipa agyanan yɛ ogya.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.