Native Bible

Ezekiel 37:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnompe a mo ho akokwa, montie Awurade asɛm!

Ezekiel 37:4 in English

Ezekiel 37:4 · Berean Standard Bible

And He said to me, “Prophesy concerning these bones and tell them, ‘Dry bones, hear the word of the LORD!

Context

2Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mehunuu nnompe bebree wɔ bɔnhwa no ase, nnompe a ɛho akokwa. 3Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi bɛtumi anya nkwa anaa?” Mekaa sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, wo nko ara na wonim.” 4Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnompe a mo ho akokwa, montie Awurade asɛm! 5Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ahomeɛ aba mo mu na mobɛnya nkwa. 6Mɛma ntini abɛsosɔ mo mu, na mede ɛnam agu mo so na mede wedeɛ akata mo so. Mede ahomeɛ bɛgu mo mu na moaba nkwa mu. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.