Hesekiel 37:3
Ezekiel 37:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi bɛtumi anya nkwa anaa?” Mekaa sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, wo nko ara na wonim.”
Ezekiel 37:3 in English
Ezekiel 37:3 · Berean Standard Bible
Then He asked me, “Son of man, can these bones come to life?” “O Lord GOD,” I replied, “only You know.”
Context
1Na Awurade nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom yii me firii adi de me bɛsii bɔnhwa no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma. 2Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mehunuu nnompe bebree wɔ bɔnhwa no ase, nnompe a ɛho akokwa. 3Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi bɛtumi anya nkwa anaa?”
Mekaa sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, wo nko ara na wonim.” 4Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnompe a mo ho akokwa, montie Awurade asɛm! 5Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ahomeɛ aba mo mu na mobɛnya nkwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.