Hesekiel 33:17
Ezekiel 33:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nanso wo ɔman mma ka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteneɛ.
Ezekiel 33:17 in English
Ezekiel 33:17 · Berean Standard Bible
Yet your people say, ‘The way of the Lord is not just.’ But it is their way that is not just.
Context
15na sɛ ɔsane de bosea ho awowasideɛ ma, na ɔsane de deɛ wawia ma, na ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa soɔ, na wanyɛ bɔne a, ampa ara ɔbɛnya nkwa, na ɔrenwu. 16Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, ampa ara ɔbɛnya nkwa. 17“Nanso wo ɔman mma ka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteneɛ. 18Sɛ ɔteneneeni firi ne tenenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu. 19Na sɛ omumuyɛfoɔ dane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene a, ɔbɛnya nkwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.