Native Bible

Ezekiel 33:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ omumuyɛfoɔ dane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene a, ɔbɛnya nkwa.

Ezekiel 33:19 in English

Ezekiel 33:19 · Berean Standard Bible

But if a wicked man turns from his wickedness and does what is just and right, he will live because of this.

Context

17“Nanso wo ɔman mma ka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteneɛ. 18Sɛ ɔteneneeni firi ne tenenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu. 19Na sɛ omumuyɛfoɔ dane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene a, ɔbɛnya nkwa. 20Nanso, Ao Israel efie, moka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso mɛbu obiara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ.” 21Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so dumienu no bosome a ɛtɔ so edu no nnannum so, ɔbarima bi a wadwane afiri Yerusalem baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Kuropɔn no ahwease!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.