Hesekiel 3:2
Ezekiel 3:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti mebuee mʼanom na ɔde nwoma mmobɔeɛ no maa me diiɛ.
Ezekiel 3:2 in English
Ezekiel 3:2 · Berean Standard Bible
So I opened my mouth, and He fed me the scroll.
Context
1Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di deɛ wohunu wɔ wʼanim no, di saa nwoma mmobɔeɛ yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfoɔ.” 2Enti mebuee mʼanom na ɔde nwoma mmobɔeɛ no maa me diiɛ. 3Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di saa nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi. Fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti mediiɛ, na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. 4Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, afei kɔ Israelfoɔ hɔ kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.