Native Bible

Ezekiel 27:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.

Ezekiel 27:20 in English

Ezekiel 27:20 · Berean Standard Bible

Dedan was your merchant in saddlecloths for riding.

Context

18“ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti. 19Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ. 20“ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa. 21“ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa. 22“ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.