Native Bible

Ezekiel 23:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wobɛnom a hwee renka mu: wode bɛhwe fam ma abobɔ nketenkete na woatete wo mpokuwa mu. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

Ezekiel 23:34 in English

Ezekiel 23:34 · Berean Standard Bible

You will drink it and drain it; you will dash it to pieces, and tear your breasts. For I have spoken,’ declares the Lord GOD.

Context

32“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Wobɛnom wo nuabaa kuruwa ano, kuruwa a ɛso na emu dɔ; ɛde fɛdie ne ahohora bɛba, ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ mu dɔɔso. 33Nsãborɔ ne awerɛhoɔ bɛhyɛ wo ma, ɔsɛeɛ ne afoyɛ kuruwa no, wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma. 34Wobɛnom a hwee renka mu: wode bɛhwe fam ma abobɔ nketenkete na woatete wo mpokuwa mu. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 35“Ɛno enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wo werɛ afiri me na woato me atwene wʼakyi enti, ɛsɛ sɛ wonya wʼaniwudeɛ ne wʼadwamammɔ so akatua.” 36Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn anaa? Ɛnneɛ fa wɔn akyiwadeɛ no si wɔn anim,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.