Hesekiel 23:35
Ezekiel 23:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛno enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wo werɛ afiri me na woato me atwene wʼakyi enti, ɛsɛ sɛ wonya wʼaniwudeɛ ne wʼadwamammɔ so akatua.”
Ezekiel 23:35 in English
Ezekiel 23:35 · Berean Standard Bible
Therefore this is what the Lord GOD says: ‘Because you have forgotten Me and have cast Me behind your back, you must bear the consequences of your indecency and prostitution.’”
Context
33Nsãborɔ ne awerɛhoɔ bɛhyɛ wo ma,
ɔsɛeɛ ne afoyɛ kuruwa no,
wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma. 34Wobɛnom a hwee renka mu:
wode bɛhwe fam ma abobɔ nketenkete
na woatete wo mpokuwa mu.
Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 35“Ɛno enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wo werɛ afiri me na woato me atwene wʼakyi enti, ɛsɛ sɛ wonya wʼaniwudeɛ ne wʼadwamammɔ so akatua.” 36Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn anaa? Ɛnneɛ fa wɔn akyiwadeɛ no si wɔn anim, 37ɛfiri sɛ wɔasɛe awadeɛ, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee awadeɛ no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔn aduane.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.